-
Mateo 23:15, 16Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
15 “Munnue, akyerɛwfo ne Farisifo nyaatwomfo!+ efisɛ mutwa kwan fa ɛpo ne asaase so kɔsakra onipa baako, na onya sakra a, moma ɔbɛyɛ obi a ɔfata sɛ ɔkɔ Gehenna,* na moma ne bɔne bɛyɛ te sɛ mo de mmɔho abien.
16 “Munnue, akwankyerɛfo anifuraefo+ a moka sɛ, ‘Sɛ obi ka asɔrefi no ntam a, ɛnyɛ hwee; na sɛ obi ka asɔrefi hɔ sika kɔkɔɔ no ntam de a, ɛnde ɛsɛ sɛ odi ntam a waka no so.’+
-