-
Marko 8:1-9Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
8 Nna no mu no, ɛbae bio sɛ nnipadɔm pii baa Yesu nkyɛn, na na wonni hwee a wobedi. Enti Yesu frɛɛ asuafo no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: 2 “Nnipadɔm yi yɛ me mmɔbɔ,+ efisɛ wɔatena me nkyɛn nnansa ni, na wonni hwee a wobedi.+ 3 Sɛ migya wɔn kwan sɛ wɔmfa kɔm nkɔ wɔn fi a, wobetwitwa ahwe wɔ kwan so; wɔn mu bi koraa nso fi akyirikyiri.” 4 Na n’asuafo no bisaa no sɛ: “Sɛnea ɛha atew ne ho yi, ɛhe na yebenya paanoo a ɛbɛso nnipa yi?” 5 Ɛnna obisaa wɔn sɛ: “Paanoo ahe na mowɔ?” Wɔkae sɛ: “Ason.”+ 6 Na ɔmaa nnipadɔm no tenatenaa fam. Afei ɔfaa paanoo ason no, na ɔdaa Onyankopɔn ase. Ɛnna obubuu mu, na ofii ase kyekyɛ maa n’asuafo no sɛ wɔnkyekyɛ, na wɔkyekyɛ maa nnipadɔm no.+ 7 Ná wɔwɔ mpataa kakra bi nso wɔ hɔ, enti ohyiraa so, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkyekyɛ ɛno nso. 8 Enti wodi mee, na bere a wɔsesaw ase mporoporowa no, ɛyɛɛ nkɛntɛn akɛse ason mama.+ 9 Ná mmarima a wɔwɔ hɔ bɛyɛ 4,000. Na ogyaa wɔn kwan.
-