14 Na mubisa sɛ, ‘Adɛn ntia?’ Ɛne sɛ, Yehowa na ɔyɛ ɔdansefo wɔ wo ne ɔbea a wowaree no wo mmeranteberem no ntam, wo yere a woatwa no nkontompo no. Nanso ɔno na ɔyɛ wo hokafo ne wo yere a wo ne no yɛɛ apam.*+
32 Nanso mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ ɛnyɛ aguamammɔ* nti na obi gyaa ne yere a, ebetumi ama ɔbea no asɛe aware, na obiara a ɔbɛware ɔbea a wɔagyaa no no asɛe aware.+
11 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ obi gyaa ne yere, na ɔsan ware foforo a, wasɛe aware,+ na wayɛ ɔbea no bɔne. 12 Na sɛ ɔbea gyaa ne kunu na ɛno akyi ɔware foforo a, wasɛe aware.”+
3 Ne saa nti, bere a ne kunu te ase no, sɛ ɔkɔyɛ ɔbarima foforo dea* a, wɔbɛfrɛ no ɔwaresɛefo.+ Nanso sɛ ne kunu wu a, ɔnhyɛ ne mmara ase bio. Enti sɛ ɔkɔyɛ ɔbarima foforo dea* a, ɔnyɛ ɔwaresɛefo.+