Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Marko 10:17-22
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 17 Na bere a osii kwan so a ɔrekɔ no, ɔbarima bi tuu mmirika bebuu nkotodwe wɔ n’anim bisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo Pa, dɛn na menyɛ na manya daa nkwa?”+ 18 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa gye ɔbaako pɛ; ɔno ne Onyankopɔn.+ 19 Wunim mmara no: ‘Nni awu,+ nsɛe aware,+ mmɔ korɔn,+ nni adanse a ɛnyɛ nokware,*+ nsisi obiara,+ di wo papa ne wo maame ni.’”+ 20 Ɔbarima no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, madi eyinom nyinaa so fi me mmofraase.” 21 Yesu hwɛɛ no, na ɔdɔɔ no, na ɔkae sɛ: “Aka wo ade baako: Kɔ na kɔtɔn nea wowɔ, na fa ma ahiafo, na wubenya agyapade wɔ soro; na bra bedi m’akyi.”+ 22 Na asɛm no haw no, na ɔde awerɛhow kɔe, efisɛ na ɔwɔ agyapade bebree.+

  • Luka 18:18-23
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 18 Na atumfo no baako bisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo Pa, dɛn na menyɛ na manya daa nkwa?”+ 19 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa gye ɔbaako pɛ; ɔno ne Onyankopɔn.+ 20 Wunim mmara no: ‘Nsɛe aware,+ nni awu,+ mmɔ korɔn,+ nni adanse a ɛnyɛ nokware,*+ di wo papa ne wo maame ni.’”+ 21 Ɛnna ɔkae sɛ: “Madi eyinom nyinaa so fi me mmofraase.” 22 Bere a Yesu tee nea ɔkae no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Aka wo ade baako: Tɔn nea wowɔ nyinaa, na kyekyɛ nea wubenya no ma ahiafo, na wubenya agyapade wɔ soro; na bra bedi m’akyi.”+ 23 Bere a ɔtee eyi no, ne werɛ howee paa, efisɛ na ɔwɔ sika bebree.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena