-
Marko 10:35-40Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
35 Na Yakobo ne Yohane, Sebedeo mma+ no, kɔɔ ne nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, yɛpɛ sɛ biribiara a yebebisa afi wo hɔ no, woyɛ ma yɛn.”+ 36 Obisaa wɔn sɛ: “Dɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?” 37 Wɔkae sɛ: “Ma yɛn mu baako ntena wo nifa na baako nso ntena wo benkum wɔ w’anuonyam mu.”+ 38 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnim nea morebisa. Mubetumi anom kuruwa* a merebɛnom no? Anaa asu a wɔrebɛbɔ me no, mubetumi abɔ bi?”+ 39 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yebetumi.” Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Kuruwa* a merebɛnom no de, mobɛnom, na asu a wɔrebɛbɔ me no, wɔbɛbɔ mo bi.+ 40 Na me nifa ne me benkum so tena de, ɛnyɛ me dea sɛ mede bɛma, na mmom ɛyɛ wɔn a wɔasiesie ama wɔn no dea.”
-