15 Afei wɔbaa Yerusalem. Ɛnna ɔkɔɔ asɔrefi hɔ, na ofii ase pam wɔn a wɔretɔn nneɛma ne wɔn a wɔretɔ nyinaa fii asɔrefi hɔ, na ɔkekaa wɔn a wɔsesa sika no apon ne wɔn a wɔtɔn mmuruburuw no nkongua butubutuwii,+ 16 na wamma obiara ansoa ade antwam amfa asɔrefi hɔ.