20 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo gyidi a esua ntia. Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ mowɔ gyidi a ne kɛse te sɛ sinapi aba a, mobɛka akyerɛ bepɔw yi sɛ, ‘Tu fi ha kɔ noho,’ na ebetu, na biribiara nni hɔ a ɛrenyɛ yiye mma mo.”+
22 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnya gyidi wɔ Onyankopɔn mu. 23 Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔka kyerɛ bepɔw yi sɛ, ‘Tutu kɔhwe po mu,’ a onnye akyinnye wɔ ne komam na mmom ɔwɔ gyidi sɛ nea ɔka no bɛba mu no, ɛbɛyɛ hɔ ama no.+