-
Marko 12:13-17Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
13 Afei wɔsomaa Farisifo no bi ne Herode akyidifo no bi kɔɔ ne nkyɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛka asɛm bi ama wɔanya no.+ 14 Bere a wokodui no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, yenim sɛ woka nokware, na wonhwehwɛ obiara anim anuonyam, efisɛ wonhwɛ nnipa anim, na nea wokyerɛkyerɛ fa Onyankopɔn ho no yɛ nokware. Mmara ma kwan* sɛ wotua tow ma Kaesare anaasɛ ɛmma kwan?* 15 Yentua anaasɛ yenntua?” Bere a ohuu wɔn nyaatwom no, obisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na moresɔ me ahwɛ? Momfa denare* no bi mmrɛ me mma menhwɛ.” 16 Wɔde baako bae, na obisaa wɔn sɛ: “Hena mfoni ne ne nkyerɛwee ni?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kaesare dea.” 17 Ɛnna Yesu kae sɛ: “Muntua Kaesare de mma Kaesare,+ na muntua Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.”+ Na ne ho yɛɛ wɔn nwonwa.
-
-
Luka 20:20-26Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
20 Enti wɔtetɛw no.* Afei wɔsomaa mmarima bi a na wɔabɔ wɔn paa kokoam sɛ wɔnyɛ wɔn ho sɛ atreneefo, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛka asɛm bi ama wɔanya no,+ na wɔde no ahyɛ aban ne amrado no nsa. 21 Na wobisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, yenim sɛ wo nsɛm ne wo nkyerɛkyerɛ yɛ nokware; wonhwɛ nnipa anim, na nea wokyerɛkyerɛ fa Onyankopɔn ho no yɛ nokware. 22 Mmara ma kwan* sɛ yetua tow ma Kaesare anaasɛ ɛmma kwan?”* 23 Nanso ohuu wɔn nnaadaasɛm no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: 24 “Momfa denare* mmɛkyerɛ me. Hena mfoni ne ne nkyerɛwee na ɛwɔ so yi?” Wɔkae sɛ: “Kaesare dea.” 25 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnde, sɛnea ɛte biara no, muntua Kaesare de mma Kaesare,+ na muntua Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.”+ 26 Na wɔannya biribiara wɔ ne kasa mu amfa annya no wɔ nkurɔfo no anim. Mmom ne mmuae no maa wɔn ho dwiriw wɔn, na wɔyɛɛ komm.
-