Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Daniel 3:17, 18
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 17 Sɛ ɛba no saa a, yɛn Nyankopɔn a yɛsom no no betumi agye yɛn afi fononoo a ogya redɛw brambrambram wɔ mu no mu, na obetumi agye yɛn afi wo nsam, O ɔhene.+ 18 Na sɛ amma saa mpo a, ɔhene, yɛpɛ sɛ wuhu sɛ, yɛrensom w’anyame no, na sika kɔkɔɔ honi a wode asi hɔ no nso, yɛrensom no.”+

  • Malaki 3:8
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 8 “Mohwɛ a, onipa dasani betumi abɔ Onyankopɔn korɔn? Nanso mobɔ me korɔn.”

      Na mubisa sɛ: “Ɛdɛn na yɛayɛ de abɔ wo korɔn?”

      “Mobɔ me korɔn wɔ ntotoso du du* ne afɔrebɔde mu.

  • Marko 12:17
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 17 Ɛnna Yesu kae sɛ: “Muntua Kaesare de mma Kaesare,+ na muntua Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.”+ Na ne ho yɛɛ wɔn nwonwa.

  • Luka 20:25
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 25 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnde, sɛnea ɛte biara no, muntua Kaesare de mma Kaesare,+ na muntua Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.”+

  • Luka 23:2
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 2 Afei wofii ase bɔɔ no sobo+ sɛ: “Yɛahu sɛ saa ɔbarima yi sɔre tia aban; ɔka sɛ yenntua tow mmma Kaesare,+ na ɔka sɛ ɔno ne ɔhene+ Kristo.”

  • Romafo 13:7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 7 Momfa nea ɛyɛ obiara de mma no: nea tow yɛ ne dea no, momfa tow mma no;+ nea ogyigye sika no, momfa sika mma no; nea ɛsɛ sɛ musuro no no, munsuro no;+ nea ɛsɛ sɛ mudi no ni no, munni no ni.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena