37 Mose mpo daa no adi sɛ awufo bɛsɔre, efisɛ nwura* no ho asɛm no mu no, ɔfrɛɛ Yehowa* sɛ ‘Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn.’+38 Ɔnyɛ awufo Nyankopɔn, na mmom ateasefo de, efisɛ n’ani so de, wɔn nyinaa te ase.”*+
17 (Ɛte sɛ nea wɔakyerɛw yi: “Mayi wo de wo ayɛ aman bebree agya.”)+ Eyi sii wɔ Onyankopɔn a onyaa ne mu gyidi no anim. Ɔno ne Onyankopɔn a onyan awufo, a ɔfrɛ nneɛma a ɛmmae sɛ nneɛma a ɛwɔ hɔ no.*