42 Na Awurade kae sɛ: “Hena koraa ne ofiehwɛfo nokwafo no, ɔbadwemma a ne wura de no besi n’asomfo so sɛ ɔnkɔ so mma wɔn aduan a wohia wɔ bere a ɛsɛ mu no?+ 43 Anigye ne akoa a ne wura bɛba abehu no sɛ ɔreyɛ saa! 44 Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, ɔde no besi nea ɔwɔ nyinaa so.