-
Luka 4:9-12Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
9 Afei ɔde Yesu kɔɔ Yerusalem kogyinaa asɔredan no atifi,* na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, gyaa wo ho fi ha kɔhwe fam,+ 10 efisɛ wɔakyerɛw sɛ, ‘Wo nti ɔbɛsoma n’abɔfo sɛ wɔmmɛbɔ wo ho ban,’ 11 na ‘Wɔbɛsoa wo wɔn nsa so, na woamfa wo nan ampem ɔbo.’”+ 12 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔaka sɛ, ‘Nsɔ Yehowa* wo Nyankopɔn nhwɛ.’”+
-