Marko 13:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 Monkɔ so nhwɛ, monkɔ so nwɛn,+ efisɛ munnim bere a wɔahyɛ no.+ 1 Petro 5:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Mo ani nna hɔ na monwɛn!+ Mo tamfo Bonsam nenam sɛ gyata a ɔrebobom, na ɔrepɛ obi akyere no awe.+ Adiyisɛm 16:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 “Hwɛ! mereba sɛ ɔkorɔmfo.+ Anigye ne nea ɔwɛn+ na ɔhwɛ ne ntaade so, na wannantew adagyaw mu amma nnipa anhu n’aniwu.”+
15 “Hwɛ! mereba sɛ ɔkorɔmfo.+ Anigye ne nea ɔwɛn+ na ɔhwɛ ne ntaade so, na wannantew adagyaw mu amma nnipa anhu n’aniwu.”+