Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Marko 14:60-65
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 60 Afei ɔsɔfo panyin no sɔre gyinaa wɔn mfinimfini, na obisaa Yesu sɛ: “Wonka biribiara nyi w’ano? Enti nea nnipa yi reka atia wo yi, wonte?”+ 61 Nanso ɔyɛɛ dinn, na wamma mmuae biara.+ Afei ɔsɔfo panyin no fii ase bisaa no asɛm bio. Obisaa no sɛ: “Wone Kristo no, Nea Wɔahyira No no Ba no anaa?” 62 Na Yesu kae sɛ: “Mene no; na mubehu onipa Ba no+ sɛ ɔte Otumfo* no nsa nifa so+ na ofi ɔsoro mununkum mu reba.”+ 63 Ɛnna ɔsɔfo panyin no suan n’ataade mu, na ɔkae sɛ: “Adansefo bɛn bio na yehia?+ 64 Moate abususɛm no. Mudwen ho dɛn?”* Wɔn nyinaa buu no fɔ sɛ, ɛsɛ sɛ owu.+ 65 Na ebinom fii ase tetew ntasu guu no so,+ na wɔkataa n’ani bobɔɔ no akuturuku, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wuse woyɛ odiyifo a, kyerɛ yɛn nea ɔbɔɔ wo!” Na asɛnnibea awɛmfo* no bobɔɔ n’ani so faa no kɔe.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena