21 Efi saa bere no rekɔ no, Yesu fii ase kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ n’asuafo no sɛ, ɛsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem kohu amane pii wɔ mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no nsam na wokum no, na da a ɛto so abiɛsa no wɔanyan no.+
22 Ɛyɛ bere a wohyiaam wɔ Galilea no na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wobeyi onipa Ba no ahyɛ nnipa nsa,+23 wobekum no, na da a ɛto so abiɛsa no, wobenyan no.”+ Na wɔn werɛ howee paa.
3 Na nneɛma a edi kan a me nso minyae a mede maa mo no, ebi ne sɛ, yɛn bɔne nti na Kristo wui, sɛnea Kyerɛwnsɛm no ka no.+4 Wosiee no,+ yiw, na da a ɛto so abiɛsa+ no, wonyan no,+ sɛnea Kyerɛwnsɛm no ka no;+