31 Ɔmaa wɔn mfatoho foforo sɛ: “Ɔsoro Ahenni te sɛ sinapi aba a obi fa koduae wɔ n’afuw mu.+ 32 Nea ɛwom ne sɛ, ɛno ne aba nyinaa mu nea esua koraa, nanso sɛ enyin a, ɛba bɛyɛ afifide mu nea ɛsõ sen biara, na ɛbɛyɛ dua ma wim nnomaa bɛtena ne mmaa so.”