Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Mateo 15:22-28
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 22 Na hwɛ! Foinikeni bea bi a ofi mpɔtam hɔ bae bɛteɛɛm sɛ: “Awurade, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ. Ahonhommɔne reteetee me babea dodo.”+ 23 Nanso wanka hwee ankyerɛ no. Enti n’asuafo no bɛsrɛɛ no sɛ: “Ma ɔnkɔ, na teɛ ara na ɔreteɛteɛm di yɛn akyi.” 24 Obuae sɛ: “Wɔansoma me nnipa biara nkyɛn, gye Israel fi nguan a wɔayera no.”+ 25 Na ɔbea no bae bɛkotow no kae sɛ: “Awurade, boa me!” 26 Obuae sɛ: “Ɛnyɛ papa sɛ wɔbɛfa mmofra paanoo atow ama nkraman mma.” 27 Ɛnna ɔbea no kae sɛ: “Ɛyɛ ampa, Awurade, nanso nea ɛwom ne sɛ, nkraman mma no di paanoo a aporoporow afi wɔn wuranom pon so agu fam no bi.”+ 28 Afei Yesu buaa no sɛ: “O ɔbea, wo gyidi so; ɛnyɛ hɔ mma wo sɛnea wopɛ.” Na efi saa bere no ara, ne babea no ho tɔɔ no.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena