14 Na bere a Yesu baa Petro fi no, ohui sɛ n’asebea+ da hɔ a ɔyare atiridii.+15 Enti osoo ne nsa,+ na atiridii no gyaee. Afei ɔbea no sɔree, na ofii ase som Yesu.
38 Bere a ofii hyiadan no mu no, ɔkɔɔ Simon fi. Ná Simon asebea yare atiridii a emu yɛ den, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔnhwɛ no.+39 Enti okogyinaa ne nkyɛn teɛteɛɛ atiridii no, na egyaee. Ɛhɔ ara na ɔbea no sɔree, na ofii ase som wɔn.