Mateo 18:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase te sɛ abofra kumaa yi no, ɔno na ɔyɛ kɛse wɔ ɔsoro Ahenni no mu,+ Mateo 19:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Ɛnna Yesu kae sɛ: “Munnyaa mmofra nkumaa no mma wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan, efisɛ wɔn a wɔte saa na ɔsoro Ahenni no yɛ wɔn dea.”+ Luka 18:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Nanso, Yesu frɛɛ mmofra no baa ne nkyɛn, na ɔkae sɛ: “Momma mmofra nkumaa no mmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan, efisɛ wɔn a wɔte saa na Onyankopɔn Ahenni no yɛ wɔn dea.+ 1 Petro 2:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Monyɛ sɛ nkokoaa a wɔawo wɔn foforo+ na munnya asɛm no mu nufusu a wɔmfraa mu no ho akɔnnɔ. Ɛno bɛma moanyin akɔ nkwagye mu,+
14 Ɛnna Yesu kae sɛ: “Munnyaa mmofra nkumaa no mma wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan, efisɛ wɔn a wɔte saa na ɔsoro Ahenni no yɛ wɔn dea.”+
16 Nanso, Yesu frɛɛ mmofra no baa ne nkyɛn, na ɔkae sɛ: “Momma mmofra nkumaa no mmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan, efisɛ wɔn a wɔte saa na Onyankopɔn Ahenni no yɛ wɔn dea.+
2 Monyɛ sɛ nkokoaa a wɔawo wɔn foforo+ na munnya asɛm no mu nufusu a wɔmfraa mu no ho akɔnnɔ. Ɛno bɛma moanyin akɔ nkwagye mu,+