Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Mateo 21:23-27
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 23 Afei ɔkɔɔ asɔrefi hɔ, na bere a ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfo mpanyin ne ɔman no mu mpanyimfo baa ne nkyɛn bebisae sɛ: “Tumi bɛn na wode yɛ eyinom? Na hena na ɔmaa wo saa tumi yi?”+ 24 Yesu buaa wɔn sɛ: “Me nso, mebisa mo asɛm baako. Sɛ moka kyerɛ me a, me nso mɛka tumi ko a mede yɛ eyinom akyerɛ mo: 25 Ɛhe na Yohane nyaa tumi a ɔde bɔɔ asu no? Efi soro anaasɛ efi nnipa?” Na wofii ase susuw ho sɛ: “Sɛ yɛka sɛ, ‘Efi soro’ a, ɔbɛka akyerɛ yɛn sɛ, ‘Ɛnde adɛn nti na moannye no anni?’+ 26 Na sɛ yɛka sɛ, ‘Efi nnipa’ a, yesuro nea nnipadɔm no bɛyɛ, efisɛ wɔn nyinaa bu Yohane sɛ odiyifo.” 27 Enti wobuaa Yesu sɛ: “Yennim.” Ɔno nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnde me nso, merenka tumi a mede yɛ eyinom nkyerɛ mo.

  • Luka 20:1-8
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 20 Da koro bi a na ɔrekyerɛkyerɛ nkurɔfo wɔ asɔrefi hɔ a na ɔreka asɛmpa no, asɔfo mpanyin no ne akyerɛwfo ne mpanyimfo no bae, 2 na wobebisaa no sɛ: “Ka kyerɛ yɛn, tumi bɛn na wode yɛ eyinom? Na hena na ɔmaa wo saa tumi yi?”+ 3 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me nso, mebisa mo asɛm bi. Monka nkyerɛ me: 4 Tumi a Yohane de bɔɔ asu no, efi soro anaasɛ efi nnipa?”* 5 Ɛnna wosusuw ho sɛ: “Sɛ yɛka sɛ, ‘Efi soro’ a, ɔbɛka sɛ, ‘Adɛn nti na moannye no anni?’ 6 Na sɛ yɛka sɛ, ‘Efi nnipa’ a, nkurɔfo no nyinaa besiw yɛn abo, efisɛ wogye tom* sɛ Yohane yɛ odiyifo.”+ 7 Enti wobuae sɛ wonnim baabi a efi. 8 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnde me nso, merenka tumi a mede yɛ eyinom nkyerɛ mo.”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena