42 Yesu bisaa wɔn sɛ: “Monkenkan eyi wɔ Kyerɛwnsɛm no mu da sɛ, ‘Ɔbo a adansifo poe no, ɛno na abɛyɛ ntwea so bo titiriw?’*+ Na monkenkanee sɛ, ‘Yehowa* hɔ na eyi fi, na ɛyɛ nwonwa wɔ yɛn ani so?’+
10 Ɛnde, mo ne nnipa a ɛwɔ Israel nyinaa nhu sɛ, Nasaretni+ Yesu Kristo a mobɔɔ no asɛndua mu+ a Onyankopɔn nyan no fii awufo mu+ no, ɛnam no so na ɔbarima yi ho atɔ no a ogyina mo anim ha yi. 11 Yesu yi ne ‘ɔbo a mo a moyɛ adansifo amfa anyɛ hwee a abɛyɛ ntwea so bo titiriw+ no.’