Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Mateo 22:23-28
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 23 Saa da no, Sadukifo a wɔka sɛ owusɔre nni hɔ+ no baa ne nkyɛn, na wobisaa no sɛ:+ 24 “Ɔkyerɛkyerɛfo, Mose kae sɛ: ‘Sɛ ɔbarima bi wu na sɛ onni mma a, ɛsɛ sɛ ne nuabarima ware ne yere no, na ɔne no wo ma ne nua no.’+ 25 Ná yɛne anuanom baason* na ɛwɔ ha; nea odi kan no waree na owui, na esiane sɛ na onni ba nti, ogyaw ne yere no maa ne nua. 26 Asɛm koro no ara na ɛtoo nea ɔto so abien ne nea ɔto so abiɛsa no, kosii nea ɔto so ason no so. 27 Awiei koraa no, ɔbea no wui. 28 Enti owusɔre mu no, nnipa baason no mu hena na ɔbea no bɛyɛ ne yere? Efisɛ wɔn nyinaa waree no bi.”

  • Luka 20:27-33
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 27 Nanso Sadukifo a wɔka sɛ owusɔre nni hɔ+ no mu bi bae, na wobisaa no sɛ:+ 28 “Ɔkyerɛkyerɛfo, Mose kyerɛw maa yɛn sɛ, ‘Sɛ ɔbarima bi nua wu gyaw ne yere na sɛ onni ba a, ɛsɛ sɛ ɔbarima no ware ne nua a wawu no yere no, na ɔne no wo ma ne nua no.’+ 29 Ná anuanom baason* bi wɔ hɔ. Nea odi kan no waree, nanso owui a wanwo ba. 30 Enti nea ɔto so abien 31 ne nea ɔto so abiɛsa no waree ɔbea no bi. Baason no nyinaa yɛɛ saa ara; wowuwui a wɔannyaw mma wɔ wɔn akyi. 32 Awiei koraa no, ɔbea no nso wui. 33 Enti, owusɔre mu no, wɔn mu hena na ɔbea no bɛyɛ ne yere? Efisɛ nnipa baason no nyinaa waree no bi.”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena