-
Mateo 22:42-45Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
42 “Mudwen Kristo no ho dɛn? Hena ba ne no?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Dawid.”+ 43 Obisaa wɔn sɛ: “Ɛnde adɛn nti na honhom no maa Dawid+ frɛɛ no Owura? Dawid kae sɛ, 44 ‘Yehowa* ka kyerɛɛ me Wura sɛ: “Tena me nsa nifa kosi sɛ mede w’atamfo begu wo nan ase.”’+ 45 Enti sɛ Dawid frɛɛ no Owura a, ɛyɛɛ dɛn na ɔyɛ ne ba?”+
-