10 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɔman bɛsɔre atia ɔman,+ na ahenni asɔre atia ahenni.+11 Asaasewosow akɛse bɛba, na nsanyare a edi awu ne ɔkɔm bɛba mmeaemmeae;+ na nnipa behu nneɛma a ɛyɛ hu ne nsɛnkyerɛnne akɛse a efi soro.
6 Na metee nnyigyei bi te sɛ obi nne fii ateasefo baanan no mfinimfini a ɛreka sɛ: “Hwiit konko abien* yɛ denare*+ baako, na baali* olonka yɛ denare baako; na ngo ne nsã* de, nyɛ no hwee.”+
8 Na mihui, na hwɛ! ɔpɔnkɔ bi a ɔyɛ hoyaa ni; na nea ɔte no so no din de Owu. Ná Ɔdamoa* di n’akyi pɛɛ. Na wɔmaa wɔn asaase nkyekyɛm anan mu baako so tumi sɛ wɔmfa sekan tenten ne aduankɔm+ ne owuyare ne asaase so nkekaboa nkunkum wɔn.+