Yosua 23:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 “Hwɛ! Merebewu,* na munim mo koma nyinaa mu ne mo kra* nyinaa mu sɛ, nneɛma pa a Yehowa mo Nyankopɔn de ahyɛ mo bɔ no mu asɛm baako mpo nni hɔ a ɛmmaa mu. Ne nyinaa aba mu ama mo; baako mpo nni hɔ a amma mu.+ Yesaia 40:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Sare momono wo,Na nhwiren hyew,Nanso yɛn Nyankopɔn asɛm de, etim hɔ daa.”+ Mateo 24:35 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 35 Ɔsoro ne asaase betwam, nanso me nsɛm de, ɛrentwam da.+
14 “Hwɛ! Merebewu,* na munim mo koma nyinaa mu ne mo kra* nyinaa mu sɛ, nneɛma pa a Yehowa mo Nyankopɔn de ahyɛ mo bɔ no mu asɛm baako mpo nni hɔ a ɛmmaa mu. Ne nyinaa aba mu ama mo; baako mpo nni hɔ a amma mu.+