-
Mateo 26:31-33Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
31 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea ɛbɛba me so no bɛto mo nyinaa hintidua anadwo yi, efisɛ wɔakyerɛw sɛ: ‘Mɛbɔ oguanhwɛfo no, na nguankuw no mu nguan abɔ ahwete.’+ 32 Na sɛ wonyan me fi awufo mu a, medi mo anim akɔ Galilea.”+ 33 Ɛnna Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ nea ɛbɛba wo so no bɛto wɔn nyinaa hintidua mpo a, me de, ɛrento me hintidua da!”+
-