Mateo 3:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Afei Yesu fii Galilea baa Yohane nkyɛn wɔ Yordan ho sɛ ɔmmɔ no asu.+ Luka 3:21, 22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Bere a Yohane bɔɔ nnipa no nyinaa asu no, ɔbɔɔ Yesu nso asu.+ Na bere a Yesu rebɔ mpae no, ɔsoro buei,+ 22 na honhom kronkron sian baa no so te sɛ aburuburuw, na nne bi fi soro bae sɛ: “Woyɛ me Ba a medɔ wo; magye wo atom.”+
21 Bere a Yohane bɔɔ nnipa no nyinaa asu no, ɔbɔɔ Yesu nso asu.+ Na bere a Yesu rebɔ mpae no, ɔsoro buei,+ 22 na honhom kronkron sian baa no so te sɛ aburuburuw, na nne bi fi soro bae sɛ: “Woyɛ me Ba a medɔ wo; magye wo atom.”+