-
Mateo 4:1-4Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
4 Afei honhom no de Yesu kɔɔ sare so maa Ɔbonsam+ kɔsɔɔ no hwɛe.+ 2 Bere a ɔkyen kɔm* nnafua 40 awia ne anadwo wiei no, ɔkɔm dee no. 3 Na Ɔsɔhwɛfo+ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, kasa kyerɛ abo yi ma ɛnnan paanoo.” 4 Nanso obuaa no sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ: ‘Ɛnyɛ paanoo nko ara na onipa nam so bɛtena ase, na mmom asɛm biara a efi Yehowa* anom+ nso.’”
-