17 Abaawa yi kɔɔ so dii yɛne Paul akyi teɛteɛɛm sɛ: “Nnipa yi yɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn+ no nkoa, na wɔreka nkwagye kwan no ho asɛm akyerɛ mo.” 18 Ɔyɛɛ saa nna pii. Afei ɛyɛɛ Paul ahometew, na ɔdan ne ho ka kyerɛɛ honhom no sɛ: “Mehyɛ wo Yesu Kristo din mu sɛ fi ne mu.” Na ɛhɔ ara na ofii ne mu.+