-
Luka 4:33-35Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
33 Ná ɔbarima bi wɔ hyiadan no mu a honhom fĩ wɔ no so, na ɔteɛɛm denneennen sɛ:+ 34 “Adɛn! Nasaretni+ Yesu, dɛn na yɛne wo wɔ yɛ? Wobae sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Minim onipa ko a woyɛ. Wone Ɔkronkronni a ofi Onyankopɔn hɔ+ no.” 35 Ɛnna Yesu kaa n’anim sɛ: “Yɛ komm, na fi ne mu kɔ.” Enti honhom fĩ no maa ɔbarima no twa hwee wɔn mfinimfini, na ofii ne mu kɔe a wanyɛ no hwee.
-