-
Mateo 9:10-13Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
10 Akyiri yi, bere a ɔredidi* wɔ fie hɔ no, hwɛ! wɔn a wogyigye tow ne nnebɔneyɛfo bebree bae, na wofii ase ne Yesu ne n’asuafo no didii.*+ 11 Na bere a Farisifo no huu eyi no, wobisaa n’asuafo no sɛ: “Adɛn nti na mo kyerɛkyerɛfo no ne wɔn a wogyigye tow ne nnebɔneyɛfo didi?”+ 12 Bere a ɔtee nea wɔreka no, ɔkae sɛ: “Nnipa a wɔwɔ ahoɔden no nhia ɔyaresafo, na mmom wɔn a wɔyare na wohia.+ 13 Afei monkɔ na munkosua nea eyi kyerɛ: ‘Mepɛ mmɔborɔhunu, na ɛnyɛ afɔrebɔ.’+ Na mammɛfrɛ atreneefo na mmom nnebɔneyɛfo.”
-
-
Marko 2:15-17Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
15 Akyiri yi, na Yesu redidi* wɔ Lewi fi. Saa bere no, na wɔn a wogyigye tow ne nnebɔneyɛfo bebree ka Yesu ne n’asuafo no ho ne wɔn redidi,* efisɛ na wɔn mu bebree di n’akyi.+ 16 Na bere a akyerɛwfo a wɔyɛ Farisifo no hui sɛ ɔne nnebɔneyɛfo ne wɔn a wogyigye tow redidi no, wobisaa n’asuafo no sɛ: “Ɔne wɔn a wogyigye tow ne nnebɔneyɛfo na edidi?” 17 Bere a Yesu tee eyi no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔn a wɔn ho yɛ den no nhia ɔyaresafo; wɔn a wɔyare mmom na wohia. Mammɛfrɛ atreneefo, na mmom nnebɔneyɛfo.”+
-