-
Mateo 12:9-14Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
9 Bere a ofii hɔ no, ɔkɔɔ wɔn hyiadan mu. 10 Na hwɛ! ná onipa bi wɔ hɔ a ne nsa awu!*+ Afei nea ɛbɛyɛ na wɔabɔ no sobo no, wobisaa no sɛ, “Mmara ma kwan sɛ wɔsa yare Homeda?”+ 11 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo mu hena na sɛ ɔwɔ oguan baako na ɔtɔ amoa mu Homeda a, ɔrenso ne mu nyi no mfi mu?+ 12 Onipa ho hia koraa* sen oguan! Enti mmara ma kwan sɛ wɔyɛ adepa Homeda.” 13 Ɛnna ɔka kyerɛɛ onipa no sɛ: “Teɛ wo nsa.” Na ɔteɛe, na ɛsan yɛɛ yiye te sɛ ne nsa baako no. 14 Nanso Farisifo no pue kɔbɔɔ ne ho pɔw sɛ wobekum no.
-
-
Marko 3:1-6Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
3 Yesu san kɔɔ hyiadan mu, na na onipa bi wɔ hɔ a ne nsa awu.*+ 2 Enti wɔhwɛɛ Yesu komm sɛ ebia ɔbɛsa onipa no yare Homeda no anaa, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbɔ no sobo. 3 Ɛnna ɔka kyerɛɛ onipa a ne nsa awu* no sɛ: “Sɔre bra mfinimfini ha.” 4 Afei Yesu bisaa wɔn sɛ: “Ɛdɛn na mmara ma kwan sɛ wɔyɛ no Homeda, adepa anaa adebɔne? Sɛ́ wobegye obi nkwa* anaa wobekum obi?”+ Nanso wɔyɛɛ dinn. 5 Ɛnna ɔde abufuw hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn komaden+ no maa ne werɛ howee paa. Na ɔka kyerɛɛ onipa no sɛ: “Teɛ wo nsa.” Na ɔteɛe, na ne nsa no san yɛɛ yiye. 6 Ɛno nti Farisifo no pue kɔe, na ntɛm ara wɔne Herode akyidifo+ no kɔbɔɔ ne ho pɔw sɛnea ɛbɛyɛ a wobekum no.
-