-
Mateo 7:3-5Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
3 Adɛn nti na wohwɛ ntɛtɛwa a ɛda wo nua aniwa so, na wunhu dua* a ɛda w’ankasa aniwa so?+ 4 Anaasɛ wobɛyɛ dɛn atumi aka akyerɛ wo nua sɛ, ‘Ma minyi ntɛtɛwa no mfi w’aniwa so,’ bere a hwɛ! dua* da w’ankasa aniwa so? 5 Nyaatwomni! Di kan yi dua* no fi w’ankasa aniwa so; ɛno bɛma woahu ade yiye na woayi ntɛtɛwa no afi wo nua aniwa so.
-