Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Mateo 13:18-23
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 18 “Afei muntie nea ogufo ho mfatoho no kyerɛ.+ 19 Obiara a ɔte Ahenni no ho asɛm na ɔnte ase no, ɔbɔnefo no+ ba behwim nea wɔagu no ne koma mu no; eyi ne nea ekoguu kwankyɛn no.+ 20 Na nea ekoguu abotan so no, ɔno ne nea ɔte asɛm no, na ɔde anigye gye tom ntɛm ara.+ 21 Nanso esiane sɛ onni ntini biara nti, ɔtena hɔ kakra, na sɛ asɛm no nti ohu amane anaa wɔtan n’ani a, ɛto no hintidua ntɛm ara. 22 Na nea ekoguu nsɔe mu no, ɔno ne nea ɔte asɛm no, nanso wiase yi* mu dadwen+ ne ahonyade nnaadaa mia asɛm no, na ɛnsow aba.+ 23 Na nea ekoguu asaase pa mu no, ɔno ne nea ɔte asɛm no na ɔte ase, na ɔsow aba ankasa; ebi 100, ebi 60, na ebi nso 30.”+

  • Marko 4:14-20
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 14 “Ogufo no gu asɛm no.+ 15 Enti eyinom ne nea ekoguu kwankyɛn, baabi a woguu asɛm no; wɔn na wɔte asɛm no ara pɛ a, Satan ba+ beyi asɛm a wɔagu wɔ wɔn mu no.+ 16 Na eyinom nso ne nea ekoguu abotan so no; wɔn na wɔte asɛm no ara pɛ a, wɔde anigye gye tom.+ 17 Nanso wonni ntini biara, na wɔtena hɔ kakra; afei asɛm no nti, sɛ amanehunu ba anaa wɔtan wɔn ani ara pɛ, na ato wɔn hintidua. 18 Ebi nso wɔ hɔ a, ekoguu nsɔe mu. Eyinom ne wɔn a wɔte asɛm no,+ 19 nanso wiase yi* mu dadwen+ ne ahonyade nnaadaa+ ne nneɛma foforo ho akɔnnɔ+ wura wɔn koma mu, na emia asɛm no, na ɛnsow aba. 20 Afei nea woguu no asaase pa mu no ne wɔn a wotie asɛm no a wogye no fɛw so na wɔsow aba. Ebi sow 30, ebi 60, na ebi nso sow 100.”+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena