-
Mateo 8:28, 29Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
28 Bere a oduu asuogya wɔ Gadarafo asaase so no, mmarima baanu a wɔwɔ ahonhommɔne fi amusiei* behyiaa no.+ Ná wɔn ani so yɛ krakra paa, enti na obiara nni akokoduru a ɔde betwam afa saa kwan no so. 29 Na hwɛ! wɔteɛteɛɛm kae sɛ: “Dɛn na yɛne wo wɔ yɛ, Onyankopɔn Ba?+ Wobaa ha sɛ worebɛhaw yɛn+ ansa na bere a wɔahyɛ no adu anaa?”+
-
-
Marko 5:2-10Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
2 Bere a Yesu si fii ɔkorow no mu ara pɛ na ɔbarima bi a honhom fĩ wɔ no so fi amusiei* behyiaa no. 3 Ná amusiei hɔ abɛyɛ ne tenabea, na ebesi saa bere no, na obiara ntumi mfaa nkɔnsɔnkɔnsɔn mpo nkyekyeree no ntoo hɔ. 4 Ná wɔtaa de nkɔnsɔnkɔnsɔn gu ne nsa ne ne nan, nanso na ɔtetew nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu, na na obiara nni ahoɔden a ɔde bedi no so. 5 Anadwo ne awia biara, ɔteɛteɛm wɔ amusiei hɔ ne mmepɔw no mu, na na ɔde abo twitwa ne ho. 6 Na bere a n’ani bɔɔ Yesu so wɔ akyirikyiri no, otuu mmirika kɔkotow n’anim.+ 7 Na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: “Dɛn na me ne wo wɔ yɛ, Yesu, Ɔsorosoroni Nyankopɔn no Ba? Ka Onyankopɔn ntam sɛ worenhaw me.”+ 8 Efisɛ na Yesu aka akyerɛ no sɛ: “Honhom fĩ, fi onipa no mu.”+ 9 Ɛnna Yesu bisaa no sɛ: “Wo din de dɛn?” Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Me din de Asafodɔm, efisɛ yɛyɛ bebree.” 10 Na ɔsrɛɛ Yesu mpɛn pii sɛ mma ɔmmpam ahonhom no mmfi asaase no so.+
-