-
Mateo 9:20-22Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
20 Na hwɛ! ɔbea bi a mogya atu no+ mfe 12 faa n’akyi de ne nsa bɛkaa n’ataade nguguso ano.+ 21 Nea na ɔreka wɔ ne mu ne sɛ: “Sɛ mede me nsa ka n’ataade nguguso no kɛkɛ mpo a, me ho bɛtɔ me.” 22 Yesu dan ne ho, na ohuu no no, ɔkae sɛ: “Ɔbabea, ma wo bo ntɔ wo yam! Wo gyidi ama wo ho atɔ wo.”+ Na saa bere no ara, ɔbea no ho tɔɔ no.+
-
-
Marko 5:25-29Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
25 Ná ɔbea bi wɔ hɔ a mogya atu no+ mfe 12.+ 26 Ná wahu amane pii wɔ nnuruyɛfo bebree nsam, na wahwere n’ahode nyinaa, nanso ne ho antɔ no, na mmom ɛyɛɛ kɛse. 27 Bere a ɔtee Yesu ho asɛm no, ofi nnipadɔm no mu faa n’akyi de ne nsa bɛkaa n’ataade nguguso.+ 28 Asɛm a na ɔreka ara ne sɛ: “Sɛ mede me nsa ka n’ataade nguguso kɛkɛ mpo a, me ho bɛtɔ me.”+ 29 Na ɛhɔ ara mogya a ɛretu no no twae, na ɔtee wɔ ne nipadua mu sɛ ne yare a emu yɛ den no agyae.
-