Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Mateo 17:1-8
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 17 Nnansia akyi no, Yesu faa Petro ne Yakobo ne ne nua Yohane kaa ne ho, na ɔde wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi so. Wɔn nko ara na na wɔwɔ hɔ.+ 2 Na ɔsakrae wɔ wɔn anim; n’anim hyerɛnee te sɛ owia, na n’ataade yɛɛ hyɛnn* te sɛ hann.+ 3 Na hwɛ! Mose ne Elia yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn, na na wɔne Yesu rekasa. 4 Ɛnna Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Awurade, eye sɛ yɛwɔ ha. Sɛ wopɛ a, mesi ntamadan abiɛsa wɔ ha; wo de baako, Mose de baako, Elia nso de baako.” 5 Na bere a ogu so rekasa no, hwɛ! omununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ! ɛnne bi fi omununkum no mu bae sɛ: “Oyi ne me Ba, nea medɔ no a magye no atom.+ Muntie no.”+ 6 Bere a asuafo no tee no, wɔde wɔn anim butubutuw hɔ, na ehu kaa wɔn paa. 7 Ɛnna Yesu kɔɔ wɔn nkyɛn, na osusoo wɔn mu kae sɛ: “Monsɔre. Munnsuro.” 8 Bere a wɔmaa wɔn ani so no, wɔanhu obiara, gye Yesu nko ara.

  • Marko 9:2-8
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 2 Nnansia akyi no, Yesu faa Petro ne Yakobo ne Yohane kaa ne ho, na ɔde wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi so. Wɔn nko ara na na wɔwɔ hɔ. Na ɔsakrae wɔ wɔn anim;+ 3 na n’ataade fii ase yɛɛ hyɛnhyɛn, na ɛyɛɛ fitafita. Obiara nni asaase so a obetumi ahoro ntama ama ayɛ fitaa saa. 4 Afei nso, Elia ne Mose yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn, na na wɔne Yesu rekasa. 5 Ɛnna Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Rabi, eye sɛ yɛwɔ ha. Enti ma yensi ntamadan abiɛsa, wo de baako, Mose de baako, Elia nso de baako.” 6 Nokwarem no, na Petro nhu nea ɔnyɛ, efisɛ na wɔabɔ hu paa. 7 Na omununkum bi bae bɛkataa wɔn so, na nne bi+ fi omununkum no mu bae sɛ: “Oyi ne me Ba, nea medɔ no+ no. Muntie no.”+ 8 Na amonom hɔ ara, wɔtotoo wɔn ani, na wohui sɛ obiara nni wɔn nkyɛn bio, gye Yesu.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena