-
Marko 9:38-40Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
38 Yohane ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, yehuu obi a ɔde wo din retu ahonhommɔne, na yɛyɛe sɛ yebesiw no kwan, efisɛ na onni yɛn akyi.”+ 39 Ɛnna Yesu kae sɛ: “Monnyɛ sɛ mubesiw no kwan, na obiara nni hɔ a ɔde me din bɛyɛ anwonwade, a ɛhɔ ara obetumi asan aka me ho asɛmmɔne. 40 Efisɛ obiara a ɔnsɔre ntia yɛn no, na ɔwɔ yɛn afã.+
-