19 Nanso sɛ wɔde mo kɔ atumfo no anim a, munnnwinnwen sɛnea mobɛkasa anaa nea mobɛka ho, na wɔde nea mobɛka bɛma mo amonom hɔ ara.+20 Efisɛ ɛnyɛ mo ara na mobɛkasa, mmom mo Agya no honhom na ɛnam mo so bɛkasa.+
11 Na sɛ wɔde mo rekɔ akoyi mo ama a, munnnwinnwen nea mobɛka ho; na mmom nea wɔde bɛma mo saa bere no, ɛno ara na monka, efisɛ ɛnyɛ mo na mokasa, na mmom honhom kronkron.+
14 Enti, munsi pi wɔ mo koma mu sɛ morenni kan nnwinnwen nsɛm a mobɛka de ayi mo ano no ho,+15 na me na mɛma mo nsɛm ne nyansa a wɔn a wɔsɔre tia mo nyinaa rentumi nsiw ano anaa wɔmmɔ ngu.+