-
1 Ahene 9:7, 8Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
7 ɛnde me nso asaase a mede ama Israel no, metu wɔn afi so,+ na ofi a mayɛ no kronkron ama me din no, mɛtow afi m’anim akyene,+ na wɔde Israel aka asɛm aserew* adi ho fɛw wɔ aman nyinaa mu.+ 8 Na ofi yi bɛdan amamfo,+ na obiara a obetwam no behu ama ne ho adwiriw no, na wabɔ hwirema aka sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa yɛɛ asaase yi ne ofi yi sɛɛ?’+
-