9 Enti monkɔ kurow no akwantempɔn so, na obiara a mubehu no no, monto nsa mfrɛ no mmra ayeforohyia apontow no ase.’+ 10 Ɛnna nkoa no kɔɔ akwantempɔn no so, na wɔfrɛfrɛɛ wɔn a wohuu wɔn, abɔnefo ne apapafo nyinaa. Na nnipa a na wɔredidi no yɛɛ ayeforohyia dan no mã.