33 “Hwɛ, yɛreforo akɔ Yerusalem, na wobeyi onipa Ba no ama asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no, na wobebu no fɔ akum no. Na wobeyi no ama amanaman mufo, 34 na wobedi ne ho agoru atetew ntasu agu no so na wɔabɔ no mmaa, na wɔakum no, nanso nnansa akyi no, obenyan.”+