2 Na mo ara munim yiye sɛ Yehowa* da+ no reba te sɛ nea ɔkorɔmfo ba anadwo no.+3 Sɛ ɛba sɛ wɔreka sɛ: “Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ!”* a, ɛnde mpofirim ara na ɔsɛe bɛba wɔn so prɛko pɛ+ sɛnea awo mu yaw* ba ɔbea a ɔnyem so no; na wɔrentumi nguan da.
10 Nanso Yehowa* da+ no bɛba sɛ ɔkorɔmfo,+ na emu na ɔsoro bɛbobom kurududu atwam,+ na nneɛma a adɔ ayɛ kɔɔ no bɛnan, na asaase ne emu nnwuma bɛda adi.+