15Na ahemanakye no ara, asɔfo mpanyin ne mpanyimfo ne akyerɛwfo no, kyerɛ sɛ, Sanhedrin no nyinaa, hyia faa adwene, na wɔkyekyeree Yesu nsa de no kɔe, na wɔde no kɔmaa Pilato.+
28 Afei wodii Yesu anim fii Kaiafa hɔ kɔɔ amrado no fi.+ Saa bere no, na ɛyɛ anɔpatutuutu. Wɔn ankasa de, wɔanwura amrado no fi hɔ, efisɛ na wɔmpɛ sɛ wɔn ho gu fĩ,+ sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi adi Twam no bi.