21 Efi saa bere no rekɔ no, Yesu fii ase kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ n’asuafo no sɛ, ɛsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem kohu amane pii wɔ mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no nsam na wokum no, na da a ɛto so abiɛsa no wɔanyan no.+
31 Afei nso, ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ, ɛsɛ sɛ onipa Ba no hu amane pii na mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no po no, na wokum no,+ na ne nnansa so wasɔre.+
22 na ɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ onipa Ba no hu amane pii, na mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no po no, na wokum no,+ na da a ɛto so abiɛsa no wɔanyan no.”+