9 na wɔsan fii ɔda no so, na wɔkɔkaa eyinom nyinaa kyerɛɛ Dubaako no ne wɔn a aka no nyinaa.+ 10 Ná mmea no ne Maria Magdalene, ne Yoana, ne Yakobo maame Maria. Afei nso, mmea a aka a wɔka wɔn ho no kaa eyinom kyerɛɛ asomafo no. 11 Nanso, nsɛm yi yɛɛ wɔn sɛ anansesɛm bi, na wɔannye mmea no anni.