Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Dwom 22:16-18
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 16 Nkraman atwa me ho ahyia;+

      Wɔaka me ahyem sɛnea nnebɔneyɛfo asafodɔm yɛ.+

      Wɔrekeka me nsa ne me nan te sɛ gyata.+

      17 Mitumi kan me nnompe nyinaa.+

      Wɔtɛɛ wɔn anom hwɛ me hãã.

      18 Wɔkyekyɛ me ntaade mu fa,

      Na wɔbɔ m’ataade so ntonto.+

  • Yesaia 53:7-9
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  7 Wɔhyɛɛ no ahometew,+ na ɔmaa kwan ma wɔtan n’ani,+

      Nanso wammue n’ano.

      Wɔde no kɔe te sɛ oguan a wɔrekokum no,+

      Te sɛ oguan a wɔretwitwa ne nwi a wayɛ komm,

      Na wammue n’ano.+

       8 Wɔhyɛɛ no so, na wɔde no kɔe a wɔammu atɛntrenee amma no;

      Na hena na ɔbɛhaw ne ho sɛ obehu n’awo ntoatoaso?*

      Wotwaa no fii ateasefo asaase so;+

      Me man mmarato nti na wɔboroo no.*+

       9 Na owui no, wosiee no wɔ abɔnefo+

      Ne asikafo* asiei,+

      Ɛwom sɛ wanyɛ bɔne* biara,

      Na na nnaadaa biara nni n’anom.+

  • 1 Korintofo 15:3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 Na nneɛma a edi kan a me nso minyae a mede maa mo no, ebi ne sɛ, yɛn bɔne nti na Kristo wui, sɛnea Kyerɛwnsɛm no ka no.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena