46 Wɔde adwenkoro kɔɔ asɔrefi hɔ da biara da, na obiara didii ne yɔnko fi, na wɔde ahosɛpɛw ne koma a emu tew na ɛboom didii, 47 na woyii Onyankopɔn ayɛ, na wonyaa nnipa no nyinaa anim dom. Saa bere no ara nso, Yehowa kɔɔ so de wɔn a ɔregye wɔn nkwa no kaa asuafo no ho daa.+