2 Korintofo 3:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Yehowa* yɛ Honhom,+ na baabi a Yehowa* honhom wɔ no, ahofadi wɔ hɔ.+ 1 Timoteo 1:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Afei, mmeresanten Hene,+ nea ɔmporɔw,+ nea wonhu no,+ Onyankopɔn koro pɛ no,+ ɔno na nidi ne anuonyam nka no daa daa. Amen. Hebrifo 11:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Gyidi nti na ofii Egypt+ a wansuro ɔhene no abufuw,+ na ɔkɔɔ so gyinaa pintinn te sɛ nea ohu Onii a wonhu no no.+
17 Afei, mmeresanten Hene,+ nea ɔmporɔw,+ nea wonhu no,+ Onyankopɔn koro pɛ no,+ ɔno na nidi ne anuonyam nka no daa daa. Amen.
27 Gyidi nti na ofii Egypt+ a wansuro ɔhene no abufuw,+ na ɔkɔɔ so gyinaa pintinn te sɛ nea ohu Onii a wonhu no no.+