54 Na bere a ɔkɔɔ ne kurom no,+ ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn wɔ wɔn hyiadan mu maa wɔn ho dwiriw wɔn, na wɔkae sɛ: “Ɛhe na onipa yi nyaa nyansa ne tumi a ɔde yɛ anwonwade yi?+
2 Bere a eduu Homeda no, ofii ase kyerɛkyerɛe wɔ hyiadan mu. Wɔn a na wɔretie no no mu dodow no ara ho dwiriw wɔn, na wɔkae sɛ: “Ɛhe na onipa yi suaa nneɛma yi fii?+ Adɛn nti na wɔama no nyansa a ɛte sɛɛ, na wɔnam ne nsa so reyɛ anwonwade saa?+
46 Nnansa akyi no, wokohuu no wɔ asɔrefi hɔ. Ná ɔte akyerɛkyerɛfo no mfinimfini retie wɔn, na na ɔrebisabisa wɔn nsɛm. 47 Sɛnea na n’adwenem dɔ na oyi nsɛm ano nti, wɔn a na wɔretie no no nyinaa ho dwiriw wɔn+ yiye.
13 Bere a wohuu sɛnea Petro ne Yohane kasa akokoduru so, na wohui sɛ wɔyɛ nnipa a wonsuaa nhoma,* na wɔnyɛ nnipa titiriw biara+ no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa. Na wohui sɛ na wɔka Yesu ho.+